Psalms 3

Dawid dwom a ɔtoe bere a ɔreguan afi ne babarima Absalom anim.


1 Awurade, hwɛ sɛnea mʼatamfo dɔɔso fa!
dodow no ara na wɔsɔre tia me!

2 Bebree no ara ka fa me ho se,
“Onyankopɔn rennye no.”


3 Nanso wo, Awurade, woyɛ nkatabo a atwa me ho ahyia
mʼanuonyam, nea Ɔpagyaw me ti.

4 Meteɛ mu su frɛ Awurade,
na ogye me so fi ne bepɔw kronkron no so.


5 Metɔ hɔ na meda a,
minyan bio, efisɛ Awurade ma migyina.

6 Merensuro atamfo mpem mpem a
wɔatwa me ho ahyia no.


7 Sɔre, Awurade!
Gye me, me Nyankopɔn!
Bobɔ mʼatamfo nyinaa abogye;
na tutu amumɔyɛfo se.


Awurade hɔ na ogye fi ba.
Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfo so.

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto wɔ sankuhama so.

8
Copyright information for TwiAKNA